Ruth 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, “Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no.
Ruth 1:8 in English
Ruth 1:8 · Berean Standard Bible
Then Naomi said to her two daughters-in-law, “Go back, each of you to your mother’s home. May the LORD show you loving devotion,* as you have shown to your dead and to me.
Context
6Ɛberɛ a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduane no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefiri Moab asane akɔ ne kurom. 7Ɔne ne nsenom baanu yi tutu firii beaeɛ hɔ faa ɛkwan a ɛde wɔn bɛkɔ akɔsi Yuda so. 8Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, “Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no. 9Awurade mmoa mo mu biara na ɔnnya ɔhome wɔ okunu foforɔ fie.” Afei, ɔfefee wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so suiɛ. 10Na wɔka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.