Native Bible

Romans 9:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ.

Romans 9:6 in English

Romans 9:6 · Berean Standard Bible

It is not as though God’s word has failed. For not all who are descended from Israel are Israel.

Context

4Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. 5Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen. 6Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ. 7Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” 8Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.