Romafoɔ 9:21
Romans 9:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.
Romans 9:21 in English
Romans 9:21 · Berean Standard Bible
Does not the potter have the right to make from the same lump of clay one vessel for special occasions and another for common use?
Context
19Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?” 20Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?” 21Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara. 22Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn. 23Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.