Native Bible

Romans 9:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak.

Romans 9:10 in English

Romans 9:10 · Berean Standard Bible

Not only that, but Rebecca’s children were conceived by one man, our father Isaac.

Context

8Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 9Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no. 10Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak. 11Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti, 12ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.