Romafoɔ 8:7
Romans 8:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi.
Romans 8:7 in English
Romans 8:7 · Berean Standard Bible
because the mind of the flesh is hostile to God: It does not submit to God’s law, nor can it do so.
Context
5Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ. 6Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ. 7Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. 9Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.