Native Bible

Romans 8:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no.

Romans 8:4 in English

Romans 8:4 · Berean Standard Bible

so that the righteous standard of the law might be fulfilled in us, who do not walk according to the flesh but according to the Spirit.

Context

2ɛfiri sɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba. 3Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no. 5Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ. 6Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.