Native Bible

Romans 8:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?

Romans 8:32 in English

Romans 8:32 · Berean Standard Bible

He who did not spare His own Son but gave Him up for us all, how will He not also, along with Him, freely give us all things?

Context

30Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso. 31Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie? 32Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem. 34Hwan na ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.