Romafoɔ 8:12
Romans 8:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ.
Romans 8:12 in English
Romans 8:12 · Berean Standard Bible
Therefore, brothers, we have an obligation, but it is not to the flesh, to live according to it.
Context
10Ɛwom sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu deɛ, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne tenenee enti, mo honhom te ase. 11Sɛ Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii awufoɔ mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa. 12Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ. 13Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mobɛwu. Nanso, sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛnya nkwa. 14Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.