Native Bible

Romans 7:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi.

Romans 7:8 in English

Romans 7:8 · Berean Standard Bible

But sin, seizing its opportunity through the commandment, produced in me every kind of covetous desire. For apart from the law, sin is dead.

Context

6Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom. 7Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ. 8Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. 9Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ. 10Mehunuu sɛ, mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.