Native Bible

Romans 6:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa?

Romans 6:1 in English

Romans 6:1 · Berean Standard Bible

What then shall we say? Shall we continue in sin so that grace may increase?

Context

1Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa? 2Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.