Native Bible

Romans 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so.

Romans 2:8 in English

Romans 2:8 · Berean Standard Bible

But for those who are self-seeking and who reject the truth and follow wickedness, there will be wrath and anger.

Context

6Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. 8Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. 9Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho. 10Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.