Native Bible

Romans 14:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi.

Romans 14:5 in English

Romans 14:5 · Berean Standard Bible

One person regards a certain day above the others, while someone else considers every day alike. Each one should be fully convinced in his own mind.

Context

3Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no. 4Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim. 5Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. 6Obiara a ɔbɛbu da bi kɛseɛ no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, ɛfiri sɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ saa wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. 7Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.