Romafoɔ 11:32
Romans 11:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara.
Romans 11:32 in English
Romans 11:32 · Berean Standard Bible
For God has consigned everyone to disobedience so that He may have mercy on everyone.
Context
30Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom. 31Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no. 32Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara. 33Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ!
Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ,
na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam. 34“Hwan na ɔnim Awurade adwene
anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.