Native Bible

Revelation 7:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.

Revelation 7:4 in English

Revelation 7:4 · Berean Standard Bible

And I heard the number of those who were sealed, 144,000 from all the tribes of Israel:

Context

2Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no. 3Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.” 4Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu. 5Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). 6Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.