Adiyisɛm 6:5
Revelation 6:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kura nsania mmienu.
Revelation 6:5 in English
Revelation 6:5 · Berean Standard Bible
And when the Lamb opened the third seal, I heard the third living creature say, “Come!” Then I looked and saw a black horse, and its rider held in his hand a pair of scales.
Context
3Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka sɛ, “Bra!” 4Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi. 5Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kura nsania mmienu. 6Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!” 7Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka sɛ, “Bra!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.