Adiyisɛm 6:13
Revelation 6:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ.
Revelation 6:13 in English
Revelation 6:13 · Berean Standard Bible
and the stars of the sky fell to the earth like unripe figs dropping from a tree shaken by a great wind.
Context
11Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra kɔsi sɛ wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho. 12Na mehunuu sɛ Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano yɛ den baeɛ maa owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ. 14Ɔsoro yeraeɛ te sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ. 15Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.