Native Bible

Revelation 5:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu.

Revelation 5:4 in English

Revelation 5:4 · Berean Standard Bible

And I began to weep bitterly, because no one was found worthy to open the scroll or look inside it.

Context

2Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?” 3Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu. 4Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu. 5Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.” 6Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.