Adiyisɛm 4:10
Revelation 4:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ:
Revelation 4:10 in English
Revelation 4:10 · Berean Standard Bible
the twenty-four elders fall down before the One seated on the throne, and they worship Him who lives forever and ever. They cast their crowns before the throne, saying:
Context
8Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ,
“Kronkron, Kronkron
ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a
ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.” 9Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, 10mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: 11“Yɛn Awurade ne Onyankopɔn,
wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi,
ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,
na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.