Native Bible

Revelation 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim.

Revelation 3:2 in English

Revelation 3:2 · Berean Standard Bible

Wake up and strengthen what remains, which was about to die; for I have found your deeds incomplete in the sight of My God.

Context

1“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. 2Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. 3Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhunu ɛberɛ ko a mɛba. 4Nanso, mo mu kakra bi a wɔwɔ Sardi no mfaa ewiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa, ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.