Adiyisɛm 19:13
Revelation 19:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm”
Revelation 19:13 in English
Revelation 19:13 · Berean Standard Bible
He is dressed in a robe dipped in blood,* and His name is The Word of God.
Context
11Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. 13Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” 14Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.