Native Bible

Revelation 14:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim.

Revelation 14:10 in English

Revelation 14:10 · Berean Standard Bible

he too will drink the wine of God’s anger, poured undiluted into the cup of His wrath. And he will be tormented in fire and sulfur in the presence of the holy angels and of the Lamb.

Context

8Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.” 9Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ 10no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim. 11Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” 12Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.