Native Bible

Psalms 97:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.

Psalms 97:6 in English

Psalms 97:6 · Berean Standard Bible

The heavens proclaim His righteousness; all the peoples see His glory.

Context

4Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo. 5Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim. 6Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam. 7Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no. 8Sion te, na ne ho sɛpɛ no na Yuda nkuraase ani gye Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.