Native Bible

Psalms 97:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ogya di nʼanim na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.

Psalms 97:3 in English

Psalms 97:3 · Berean Standard Bible

Fire goes before Him and consumes His foes on every side.

Context

1Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye; ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho. 2Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem. 3Ogya di nʼanim na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. 4Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo. 5Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.