Native Bible

Psalms 96:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

Psalms 96:5 in English

Psalms 96:5 · Berean Standard Bible

For all the gods of the nations are idols, but it is the LORD who made the heavens.

Context

3Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. 4Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. 5Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro. 6Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. 7Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.