Native Bible

Psalms 94:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa? Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?

Psalms 94:10 in English

Psalms 94:10 · Berean Standard Bible

He who admonishes the nations, does He not discipline? He who teaches man, does He lack knowledge?

Context

8Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu; nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa? 9Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa? Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa? 10Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa? Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa? 11Awurade nim onipa nsusuiɛ; ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee. 12Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.