Native Bible

Psalms 92 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 92
1Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni, 2na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa ne wo nokorɛ anadwo, 3wɔ ahoma edu sankuo so ne sankuten nnwom mu. 4Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye; mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti. 5Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ, na wo nyansa mu dɔ! 6Ogyimifoɔ nnim na nkwaseafoɔ nte aseɛ, 7amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa. 8Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ. 9Ao Awurade ampa ara, wʼatamfoɔ bɛyera; na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa. 10Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ; woahwie ngohwam papa agu me so. 11Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi, mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono. 12Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua, wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro; 13deɛ wɔadua wɔ Awurade fie, wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ. 14Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo, wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono, 15de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔteneneeni; ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.