Psalms 82 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;
ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu. 2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban
na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn? 3Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;
mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban. 4Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;
monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam. 5“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.
Wɔkyinkyini wɔ esum mu;
na asase fapem nyinaa woso. 6“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”;
mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ 7Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;
na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.” 8Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;
ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.