Native Bible

Psalms 80:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.

Psalms 80:7 in English

Psalms 80:7 · Berean Standard Bible

Restore us, O God of Hosts, and cause Your face to shine upon us, that we may be saved.

Context

5Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ. 6Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa, na yɛn atamfoɔ sere yɛn. 7Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. 8Wode bobe firi Misraim baeɛ; wopamoo amanaman no na woduaaɛ. 9Wosiesiee asase no baabi maa no, ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.