Nnwom 80:3
Psalms 80:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Psalms 80:3 in English
Psalms 80:3 · Berean Standard Bible
Restore us, O God, and cause Your face to shine upon us, that we may be saved.
Context
1Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn,
wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim;
wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn 2wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.
Kanyane wo tumi;
bra bɛgye yɛn nkwa. 3Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;
ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa. 4Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn,
wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn
wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no? 5Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ;
wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.