Nnwom 70:4
Psalms 70:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”
Psalms 70:4 in English
Psalms 70:4 · Berean Standard Bible
May all who seek You rejoice and be glad in You; may those who love Your salvation always say, “Let God be magnified!”
Context
2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no
anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa
mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. 3Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no
nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti. 4Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ,
“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!” 5Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ;
Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.
Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;
Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.