Nnwom 7:5
Psalms 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me; ma wɔntiatia me so wɔ fam na wɔmma me funu nna mfuturo mu.
Psalms 7:5 in English
Psalms 7:5 · Berean Standard Bible
then may my enemy pursue me and overtake me; may he trample me to the ground and leave my honor in the dust. Selah
Context
3Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei
na sɛ afɔdie aba me so a, 4sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie
anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a, 5ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me;
ma wɔntiatia me so wɔ fam
na wɔmma me funu nna mfuturo mu. 6Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!
Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.
Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara. 7Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia.
Firi soro hɔ di wɔn so;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.