Nnwom 55:17
Psalms 55:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anwummerɛ, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
Psalms 55:17 in English
Psalms 55:17 · Berean Standard Bible
Morning, noon, and night, I cry out in distress, and He hears my voice.
Context
15Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim;
ma wɔnkɔ damena mu anikann,
ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu. 16Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn,
na Awurade gye me nkwa. 17Anwummerɛ, anɔpa ne awia,
mede mmɔborɔnne su frɛ no,
na ɔte me nne. 18Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim
wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu,
mpo bebree na wɔko tia me. 19Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no,
ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn,
ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da
na wɔnsuro Onyankopɔn nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.