Nnwom 53:4
Psalms 53:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.
Psalms 53:4 in English
Psalms 53:4 · Berean Standard Bible
Will the workers of iniquity never learn? They devour my people like bread; they refuse to call upon God.
Context
2Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam
sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a
wɔwɔ nteaseɛ,
anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. 3Obiara amane;
wɔn nyinaa ayɛ bɔne;
wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa;
ɔbaako mpo nni hɔ. 4Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa?
Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane.
Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn. 5Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa!
Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ.
Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu;
wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa. 6Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!
Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.
Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.