Native Bible

Psalms 34:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?

Psalms 34:12 in English

Psalms 34:12 · Berean Standard Bible

Who is the man who delights in life, who desires to see good days?

Context

10Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn. 11Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro. 12Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree? 13Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa. 14Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.