Nnwom 27:3
Psalms 27:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, mʼakoma rentu; mpo sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.
Psalms 27:3 in English
Psalms 27:3 · Berean Standard Bible
Though an army encamps around me, my heart will not fear; though a war breaks out against me, I will keep my trust.
Context
1Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ;
hwan na mensuro no?
Awurade ne me nkwa ahoɔden,
na hwan anim na me ho mpopoɔ? 2Sɛ nnipa bɔne toa me
pɛ sɛ wɔkum me a,
sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a
wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase. 3Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,
mʼakoma rentu;
mpo sɛ wɔtu me so sa a,
ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu. 4Adeɛ baako na mebisa Awurade;
na ɛno na mehwehwɛ;
sɛ mɛtena Awurade fie
me nkwa nna nyinaa,
na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ
na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie. 5Wɔ hia ɛda mu no
ɔde me sie nʼatenaeɛ;
ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.
Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.