Nnwom 19:9
Psalms 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade suro yɛ kronn, ɛte hɔ daa. Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ na ne nyinaa tene.
Psalms 19:9 in English
Psalms 19:9 · Berean Standard Bible
The fear of the LORD is pure, enduring forever; the judgments of the LORD are true, being altogether righteous.
Context
7Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyane ɔkra no.
Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,
ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa. 8Awurade ahyɛdeɛ tene;
ɛma akoma mu anigyeɛ.
Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;
na ɛbue ani. 9Awurade suro yɛ kronn,
ɛte hɔ daa.
Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ
na ne nyinaa tene. 10Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ
sene sikakɔkɔɔ amapa mpo;
ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ,
sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu. 11Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ,
ɛsodie so akatua yɛ bebree.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.