Native Bible

Psalms 18:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ.

Psalms 18:12 in English

Psalms 18:12 · Berean Standard Bible

From the brightness of His presence His clouds advanced— hailstones and coals of fire.*

Context

10Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. 11Ɔde sum kataa ne ho, osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia. 12Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ. 13Awurade bobɔɔ mu firii soro; Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio. 14Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ, ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.