Psalms 17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ;
tie me sufrɛ.
Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ
deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu. 2Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ.
Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ. 3Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu,
wohwehwɛ me mu anadwo,
na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee;
masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne. 4Nnipa nneyɛɛ fam no,
wʼanomu asɛm enti
matwe me ho afiri
basabasayɛfoɔ akwan ho. 5Menam wʼakwan so daa;
me nan nnwatiriiɛ. 6Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn
na wobɛgye me so;
yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ. 7Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi
wo a wode wo nsa nifa
gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa
firi wɔn atamfoɔ nsam. 8Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;
fa me sie wo ntaban nwunu no ase 9firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam,
mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no. 10Wɔpirim wɔn akoma,
na wɔkasa ahantan so. 11Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;
wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. 12Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no,
te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ. 13Sɔre, Ao Awurade!
Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;
fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam. 14Ao Awurade fa wo nsa
gye me firi nnipa a wɔte sei nsam
asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu.
Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;
wɔn mmammarima wɔ bebree,
na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma. 15Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim;
sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.