Nnwom 148:3
Psalms 148:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.
Psalms 148:3 in English
Psalms 148:3 · Berean Standard Bible
Praise Him, O sun and moon; praise Him, all you shining stars.
Context
1Monkamfo Awurade!
Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro,
monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. 2Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no,
ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. 3Owia ne ɔsrane, monkamfo no,
nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no. 4Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro
ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi. 5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,
ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.