Nnwom 138:4
Psalms 138:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo.
Psalms 138:4 in English
Psalms 138:4 · Berean Standard Bible
All the kings of the earth will give You thanks, O LORD, when they hear the words of Your mouth.
Context
2Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo
na makamfo wo din
wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti
ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no
asene nneɛma nyinaa. 3Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;
womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ. 4Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a
ma wɔn nkamfo wo. 5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,
na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ. 6Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,
na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.