Native Bible

Psalms 127:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.

Psalms 127:3 in English

Psalms 127:3 · Berean Standard Bible

Children are indeed a heritage from the LORD, and the fruit of the womb is His reward.

Context

1Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa. 2Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, ansa na woanya wʼano aduane. Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda. 3Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ. 4Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. 5Nhyira ne onipa a nʼagyan kotokuo ayɛ ma. Wɔn anim rengu ase ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.