Native Bible

Psalms 119:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.

Psalms 119:23 in English

Psalms 119:23 · Berean Standard Bible

Though rulers sit and slander me, Your servant meditates on Your statutes.

Context

21Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no. 22Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu, ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so. 23Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. 24Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ na ɛyɛ me fotufoɔ. 25Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.