Native Bible

Psalms 115:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.

Psalms 115:6 in English

Psalms 115:6 · Berean Standard Bible

they have ears, but cannot hear; they have noses, but cannot smell;

Context

4Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ. 5Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ. 6Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa. 7Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante. Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu. 8Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.