Nnwom 100
Psalms 100 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa 2Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade;
momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. 3Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;
ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;
yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. 4Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu
na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;
ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.