Native Bible

Proverbs 7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Mmɛbusɛm 7
1Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu. 2Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ. 3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so. 4Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani; 5Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho. 6Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu. 7Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene. 8Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie 9ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no. 10Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam. 11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa; 12ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.) 13Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ, 14“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so. 15Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo! 16Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim. 17Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon. 18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa; 19Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre. 20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.” 21Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ. 22Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu 23kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. 24Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka. 25Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so. 26Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. 27Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.