Mmɛbusɛm 29:22
Proverbs 29:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba, na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.
Proverbs 29:22 in English
Proverbs 29:22 · Berean Standard Bible
An angry man stirs up dissension, and a hot-tempered man abounds in transgression.
Context
20Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa?
Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no. 21Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a,
awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba. 22Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba,
na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii. 23Onipa ahomasoɔ brɛ no ase,
nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam. 24Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho.
Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.