Native Bible

Proverbs 19:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.

Proverbs 19:1 in English

Proverbs 19:1 · Berean Standard Bible

Better a poor man who walks with integrity than a fool whose lips are perverse.

Context

1Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu. 2Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ. 3Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso nʼakoma huru tia Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.