Native Bible

Proverbs 15:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.

Proverbs 15:31 in English

Proverbs 15:31 · Berean Standard Bible

He who listens to life-giving reproof will dwell among the wise.

Context

29Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ. 30Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden. 31Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase. 32Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu. 33Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.