Mmɛbusɛm 14:29
Proverbs 14:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ, na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
Proverbs 14:29 in English
Proverbs 14:29 · Berean Standard Bible
A patient man has great understanding, but a quick-tempered man promotes folly.
Context
27Awurade suro yɛ nkwa asutire,
ɛyi onipa firi owuo afidie mu. 28Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,
nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe. 29Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,
na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi. 30Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,
na anibereɛ ma nnompe porɔ. 31Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,
nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.