Filipifoɔ 4:19
Philippians 4:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa.
Philippians 4:19 in English
Philippians 4:19 · Berean Standard Bible
And my God will supply all your needs according to His glorious riches in Christ Jesus.
Context
17Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ menya akyɛdeɛ na mmom, nhyira a mobɛnya wɔ mu na na mepɛ sɛ mehunu. 18Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ. 19Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa. 20Animuonyam nka yɛn Agya Onyankopɔn daa daa. Amen. 21Mekyea ahotefoɔ no wɔ Kristo Yesu mu.
Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyea mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.